Song: Me Dofo Adaadaa Me
Artiste: Omanhene Pozoh
Album: Aye De
Chorus 2x (Awurama Badu)
Me dofo adaadaa me a
Odo adaadaa me o
Me dofo agya me awerehoo a, gyegye me a, akoku me
Verse 1 (Omanhene Pozoh)
Menhuu bi da, mentee bi da, nhyiaa bi da
Obi na ekaaye anka a, medo Nyame
Pozo, anka mebiliivi da
Wo ho aye me nwawa
Wohyiaa me foforo no, na wose meara ne me
Enne madane wo saman
Wogyina abonten bisa me se, hwan ne me
Me ne me, opono hini me, me broni bie me
Enye saa awereho beku me
Woabefa nkokoo so abegya me subreni
Ede ade rebewo m’ani, enye m’ani a
Odo nti, magyagyaa me ho, ama wode tuntum aye me fitaa
Matu wo fitaa, mede m’akoma ama wo se gye na kita
Mede me were ahwe wo mu se Yesu ne Peter
Enso akoa ambo mprensa, woayi me ama
Nyame ama, na mekaase wodo me
Daadaafoo, ete se daadaabi na eredaadaa me a
Repeat Chorus 2x
Verse 2 (Awurama Badu)
Adee mehu ne se, me dofo yi
N’ani nto m’anim (2x)
Ohu me a, na ne bo afu
Ese ne tirinwi nti
Efiri se, waware me akye
Nanso, waye, aye, aye a, woanya sika a, eda ho nti
Se enne, se ne Nyame aboa no
Ama ne nsa aka kakra a, ose menko
Efiri se, ebi a, na enne dee, ne nsa aka yi mpo
Me ti bone nti, n’asem fee me nsa
Ah, Woahu wiase yi mu
Me dofo agya me awerehoo
Ah, me wiase yi mu
Me dofo agya me a abrekyiri a
(Omanhene Pozoh)
Ah, gyegye me a, akoku me
Anokwa, saa na awiase tee
Me ne no adi bankye ampesie saa
Enne waye yie, anya sika a, yedeto take-away
Enti ose, mengo away
Akpalaway, Hotel de Kingsway
You are the apple of my eye
Se na nyinaa ye Kwaku Ananse story, short story
Repeat Chorus 2x
Verse 3 (Omanhene Pozoh)
Had I known, is always at last
Baby last, menim se sei na wobeye a
Nka metenaa me beebi twen last bus
Etenaa me beebi ha, edwen me ho
Woama manu me ho
Efiri se wohyee me bo se wo ne me betena afeboo
Enso wadi me nhwamoo
Ama maye moboo
Te se so wo dem mu kura a, mobomobo
Yekaase wobegya me asi nkwanta
Abo m’anipa fitaa, enso manfa anye asem
Obaataa, enti wowire afi
Eka me ne wo wo dem a, nkomo a, yebo, bowl a, yebo
Goal a, yehye, ne ebo a, mese yehye
Baby, anha, alomo
Repeat Chorus till fade

